Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 5:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan, na monnkɔ Gilgal, na monntwam nnkɔ Beer-seba; ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu, na Betel bɛdane huhuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na monnhwehwɛ Betel akyiri kwan, na monnkɔ Gilgal, na monntwam nnkɔ Beer-seba; ɛfiri sɛ Gilgal bɛgyina akɔ otukorɔ mu, na Betel bɛdane huhuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na munntu kwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommum mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na monnhwehwɛ Betel akyi kwan, na monnkɔ Gilgal, na munntwam nnkɔ Beer-seba; na Gilgal begyina akɔ otukɔ mu, na Betel bɛdan ahuhuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 5:5
34 Iomraidhean Croise  

Enti ɔfrɛɛ hɔ Beer-seba, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kekaa ntam.


Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ.


Na ɔfirii hɔ kɔɔ Beer-seba.


Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kuro no din de Beer-seba de bɛsi nnɛ yi ara.


Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.


Na ɔde baako kɔsii Betel na ɔde baako nso kɔsii Dan.


Na ɔkɔfaa asɔfoɔ no nyinaa firii Yuda nkuro mu bae, na ɔguu sorɔnsorɔmmea a asɔfoɔ no hyee hɔ nnuhwam no ho fi, firi Geba kɔsii Beer-seba, na ɔdwirii sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ deɛ wɔfa hyɛne Kuro no so hwɛfoɔ Yosua pono a ɛwɔ kuro pono no mu benkum soɔ no.


W’atamfo bɛfira aniwuo, na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.


AWURADE ma amanaman agyina dane hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.


na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa, na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene,


Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Na Moab ani bɛwu Kemos ho sɛdeɛ Israel fie ani wuu Betel a wɔde wɔn ho too soɔ no ho no.


Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so!


Gilead yɛ abusudeɛ anaa? Wɔadane ahuhudeɛ ara; Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ, wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ afuo mu nkofie so aboɔkuo.


Sɛ wo, Israel, wobɔ adwaman a, mma Yuda nnni so. Na mommma Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi.


Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal, na ɛhɔ na mefiri metanee wɔn; wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛpamo wɔn afiri me fie, merenna so mennɔ wɔn; wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatefoɔ nko.


Na mɛbubu Damasko pono akyiri adaban, na matwa wɔn a wɔte Awen bonhwa mu afiri hɔ, ne ɔhempomakurani no afiri Bet-eden; na wɔbɛtu Siria man akɔ Kir, AWURADE na ɔseɛ.


Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no, mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso, na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn, na agu fam.


Monkɔ Betel nkɔto mmara, monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso, na momfa mo kum afɔdeɛ mmra daa anɔpa, ne mo ntotosoɔ du du daa nnansa.


Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia soma maa wɔkɔɔ Israelhene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fie mfimfini, ne nsɛm no nyinaa rensene asase yi so.


Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Betel bio, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahennie fie nso.


Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Wo yere bɛdane odwamamfoɔ, kuro no mu, na wo mmabanin ne wo mmammaa bɛtotɔ afena ano, na w’asase no, wɔde homa bɛkyɛ mu, na wo deɛ, wobɛwu asase a ɛso akum so, na Israel bɛtu afiri n’asase so akɔ.


Na Isak sorɔnsorɔmmea no bɛdanedane amamfo, na Israel kronkrommea no ayɛ agoago, na mede afena bɛsɔre atia Yeroboam fie.


wɔn a wɔkeka Samaria asodie ntam, na wɔse: Sɛ wo, Dan, wo nyame te aseɛ yi! ne: Sɛ Beer-seba kwan te aseɛ yi! no, wɔn deɛ, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio.


Na wiase nnoɔma a ɛmfra ne deɛ wɔmmuo na Onyankopɔn ahwɛ mu ayie, ne deɛ ɛnni hɔ, sɛ ɔde bɛtu deɛ ɛwɔ hɔ,


Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu; na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi deɛ, na ɛnyɛ wiase atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn hɔ no deɛ,


Wobɛwo mmammarima ne mmammaa, na wɔrenyɛ wo deɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛkɔ nnommumfa mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ mamuni Misraim nsopa afiri mo so. Ɛno nti wɔfrɛɛ hɔ Gilgal de bɛsi nnɛ yi ara.


Ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi. Na hyɛn akwankyerɛfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa, ne hyɛn mufoɔ ne dodoɔ a wɔyɛ ɛpo so adwuma gyinagyina akyiri,


Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Gilgal, na yɛnkɔyɛ ahennie no foforɔ wɔ hɔ.


Na afe afe biara na ɔkyini kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔbu Israel nyinaa atɛn nkuro yi nyinaa mu.


Na n’abakan din de Yoel, na deɛ ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ atemmufoɔ wɔ Beer-seba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan