Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 5:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fie nie: Monhwehwɛ m’akyiri kwan na monnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fie nie: Monhwehwɛ m’akyiri kwan na monnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nea Awurade ka kyerɛ Israelfo ni: “Monhwehwɛ me na munnya nkwa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie: “Monhwehwɛ me na monnya nkwa;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fi ni: Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 5:4
27 Iomraidhean Croise  

Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.


Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu.


Na Yudafoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ mmoa. Yuda nkuro nyinaa mu na wɔfiri ba bɛhwehwɛɛ AWURADE.


Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe so, a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛtɔ so dummienu soɔ no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho firii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no ho.


AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.


Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee, wɔn a wɔpɛ AWURADE akyiri kwan bɛyi no ayɛ. Mo akoma nnya nkwa daa.


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim, nti, m’akoma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


Ahobrɛasefoɔ hunu a, wɔn ani bɛgye, mo a mohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, mo akoma nnya nkwa.


Na AWURADE tie ahiafoɔ, na ɔnto ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ ho mpe.


Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, na wɔn ani da apɔnkɔ soɔ, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam soɔ, sɛ ɛdɔɔso nti, ne apɔnkɔsotefoɔ so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel Kronkronni no soɔ, na AWURADE akyiri kwan nso, wɔnhwehwɛ.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛdeɛ mereka makyerɛ woɔ yi, na asi wo yie, na wo kra anya nkwa.


na ɔnam m’ahyɛdeɛ mu, na ɔdi m’atemmudeɛ so di nokwasɛm a, ɔno na ɔteneneeni ne no; nkwa na ɔbɛnya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo, montwa adɔeɛ so adeɛ. Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa, na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo.


Monhwehwɛ AWURADE akyiri kwan na monnya nkwa, na wampue sɛ ogya Yosef fie, na wanhye a obi a ɔbɛdum nni hɔ mma Betel;


Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ a mobrɛ mo ho aseɛ nyinaa a moyɛ n’atemmudeɛ! Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ. Ebia wɔbɛkora mo, AWURADE abufuo da no.


Na obiara a ɔbisa no, ɔnya, na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu, na deɛ ɔbɔ mu no, wɔhini no.


ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.


Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so.


Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan