Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 5:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Israel fie, montie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Israel fie, montie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Tie asɛm yi, mo Israelfo, saa adwotwa yi fa mo ho:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Muntie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom, O Israel fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 5:1
19 Iomraidhean Croise  

Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Monkɔbisa amanaman no mu ɛ, hwan na wate saa adeɛ yi bi pɛn? Ahodwirideɛ pa ara na Israel ababaa no ayɛ.


Yi wo tirinwi gu, na twa mpampa pataa so agyaadwo, na AWURADE apo nnɛɛmmafoɔ a ne bo afu wɔn no, asum wɔn agu.


Mmepɔ no nti, metue esu ne benabɔ mu, na ɛserɛ so adidibea no nti, meto esu dwom, ɛfiri sɛ ahye na obiara mfa hɔ, na wɔnte mmoakuo nne bio, ewiem nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monnwene ho na momfrɛ mmaa a wɔnim su mmra, na monsoma ma wɔnkɔhyia mmaa anyansafoɔ na wɔmmra,


Na mo mmaa, montie AWURADE asɛm, na n’anomu asɛm nkɔ mo aso mu, na monkyerɛ mo mmammaa su na monkyerɛkyerɛ mo ho kwadwom.


Meremmɛtwe wɔn aso wɔ yei nti anaa? AWURADE asɛm nie, anaasɛ me kra rentɔ ɔman a wɔte sɛɛ no so were?


Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom


Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu ahye n’aba, na poma a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio. Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.


Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no!


Afei wo, onipa ba, twa Tiro ho kwadwom,


Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wo deɛ, wone abɔdeɛ afɛfɛ mu deɛ ɔyɛ, nyansa ahyɛ wo ma, w’ahoɔfɛ di mu.


Kwadwom a wɔde bɛsu no nie. Amanaman mmammaa de bɛsu no, wɔde bɛsu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE asɛm nie.


Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa, na wohuri firii wo nsubɔntene no mu, na wode wo nan nuu nsuo no mu honoo wɔn nsubɔntene.


Montie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfoɔ ho; Mo a moyɛ mmusua a meyii mo firii Misraim asase so baeɛ sɛ:


Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no seɛ nie: Adwotwa wɔ mmɔntene nyinaa so, na wɔka no mmorɔno nyinaa so sɛ: Buee, buee! Na wɔfrɛ okuafoɔ ma no bɛsu, ne wɔn a wɔnim su ma wɔbɛtwa agyaadwo.


wɔn a wɔkeka Samaria asodie ntam, na wɔse: Sɛ wo, Dan, wo nyame te aseɛ yi! ne: Sɛ Beer-seba kwan te aseɛ yi! no, wɔn deɛ, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio.


Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan