Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 4:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na me nso mekamee mo osutorɔ abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu, na metɔɔ osuo guu kuro baako so, na mantɔ bi angu kuro baako so. Afuo baako nyaa osuo, na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na me nso mekamee mo osutorɔ abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu, na metɔɔ osuo guu kuro baako so, na mantɔ bi angu kuro baako so. Afuo baako nyaa osuo, na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Mesan de osu kamee mo, bere a aka asram abiɛsa na otwabere no adu. Memaa osu tɔɔ wɔ kurow baako so na mamma antɔ wɔ kurow foforo so. Afuw baako nyaa osu afuw foforo annya bi na hyewee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Mesane de osutɔ kamee mo ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru. Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so. Afuo baako nyaa osutɔ afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na me nso mekamee mo osutɔ asram abiɛsa a edi otwa anim no mu, na metɔɔ osu guu kurow biako so, na mantɔ bi angu kurow biako so; afuw biako nyaa osu, na afuw a ebi antɔ angu so no hyewee;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 4:7
27 Iomraidhean Croise  

Na Mose tenee ne nsa kɔɔ ahunum, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa.


Obiara anhunu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfoɔ nyinaa deɛ, wɔnyaa hann wɔ deɛ na wɔteɛ hɔ.


Na mɛhyɛ Gosen asase a me man te soɔ no nso da no, na nwansena no amma hɔ, na wode ahunu sɛ mene AWURADE wɔ asase nyinaa so.


Gye Gosen asase a Israelfoɔ wɔ soɔ no so nko na ɔsoro aboɔ no bi antɔ.


Na AWURADE de nsonsonoeɛ bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na deɛ ɛyɛ Israelfoɔ dea no mu biara renwu.


mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so.


Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.


Na wɔn mu akɛseɛ soma nkumaa no nsuosa; wɔba nsubɔnhwa ano, wɔnnya nsuo; wɔde wɔn nhina hunu sane ba, wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase, wɔkatakata wɔn ti.


Osuo a ɛntɔ asase no soɔ na fam awo pɛsɛɛ nti, akuafoɔ ani awuwu, wɔakatakata wɔn ti.


Enti asusɔ atwa na bereamporɔsuo ntɔ. Nanso w’anim te sɛ ɔbaa dwamamfoɔ deɛ ara na wonnim aniwuo.


Na mo, Sion mma, monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata, na ɔma osuo tɔ ma mo, asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.


Na asase so mmusua nyinaa mu wɔn a wɔremforo mma Yerusalem mmɛsɔre ɔhene asafo AWURADE no, wɔn na osuo rentɔ wɔn soɔ.


Ɛyɛ a, monka sɛ aka abosome nnan na otwa berɛ adu anaa? Hwɛ, mese mo sɛ, momma mo ani so, na monhwɛ mfuo mu, sɛ anya ahoa ama otwa.


Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?


na AWURADE abufuo annɛre antia mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osuo nntɔ na asase mmma ne nnɔbaeɛ, na moansɛe ntɛm so amfiri asase pa a AWURADE de rema mo no so.


Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpaeɛ denden sɛ osuo nntɔ. Na osuo antɔ asase so mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia.


Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ wɔn adiyie nna no mu, na wɔwɔ nsuo so tumi sɛ wɔma no dane mogya ne sɛ wɔde haw biara ha asase da biara a wɔpɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan