Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ: Hwɛ, nna bi bɛba mo so a wɔde ntɔnkɔgyei bɛtwe mo akorɔ, ne mo akyirikafoɔ nso, apofofoɔ nnarewa ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ: Hwɛ, nna bi bɛba mo so a wɔde ntɔnkɔgyei bɛtwe mo akorɔ, ne mo akyirikafoɔ nso, apofofoɔ nnarewa ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Otumfo Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam se, “Ampa ara bere no bɛba a wɔde nkaa bɛtwe mo akɔ; mo mu nea otwa to no, wɔde nsumnam darewa bɛtwe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ, “Ampa ara ɛberɛ no bɛba a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ: Hwɛ, nna bi bɛba mo so a wɔde ntɔnkɔgye bɛtwe moakɔ, ne mo akyirikafo nso, apofofo nnarewa ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 4:2
11 Iomraidhean Croise  

Maka me kronkronyɛ ho ntam baako, merenni Dawid hwammɔ.


N’asefoɔ bɛtena hɔ daa, na n’adwa ayɛ m’anim sɛ owia.


Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ ato w’anomu, na masane wo afa kwan a wonam so baeɛ no so akɔ.


Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.


Na mede nkɔtɔkorɔ bɛwura w’afono mu, na mama w’asubɔnten mu mpataa afemfam w’abena ho, na matwe wo afiri w’asubɔnten mu aba, wo ne w’asubɔnten mu mpataa a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa.


Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.


Na mɛgyegye wo, na mede nnarewa mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa hyehyɛ ntadeɛ akɛseɛ ne nkumaa na wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ no aba;


AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.


AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan