Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 4:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Enti sei na mɛyɛ woɔ, O Israel; ɛsiane sɛ mɛyɛ wo seyie nti, siesie wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Enti sei na mɛyɛ woɔ, O Israel; ɛsiane sɛ mɛyɛ wo seyie nti, siesie wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Enti afei, Israel, nea mede bɛyɛ wo ni, na esiane sɛ mede eyi bɛyɛ wo nti, siesie wo ho, Israel. Hyia wo Nyankopɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie, na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti, siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Enti sɛɛ na mɛyɛ wo, O Israel; esiane sɛ mɛyɛ wo sɛɛ nti, siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 4:12
20 Iomraidhean Croise  

Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso, mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo! Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa, momfa ayitoma mmobɔ mo asene.


W’adagya bɛda adi, na wɔahunu w’ahohora. Mɛtɔ were, na merenhunu onipa mmɔbɔ.


Sɛ ogya sɔ mmaboa na ogya ma nsuo huru, na woama w’atamfo ahunu wo din, na amanaman ho apopo, w’anim!


Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


Momforo nkɔgyinaa ntokuro no mu, na monnyee Israel fie ho ban, sɛ mobɛgyina akono, AWURADE da no.


Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a ɔbɛgye ban anaasɛ ɔbɛgyina tokuro mu, m’anim ama asase no na mansɛe no, nanso manhunu obiara.


Mɛto mahyɛ wɔn so sɛ sisire a wɔafa ne mma, na matete wɔn koko a wɔn akoma da mu no, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabereɛ; wiram mmoa bɛsunsuane wɔn mu.


Na dwane bɛbɔ ɔhoɔharefoɔ, na ɔhoɔdenfoɔ nso ahoɔden abɔ no, na dɔmmarima rennye ne ho nkwa.


Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.


Wo ne wo nkurobɔni wɔ kwan soɔ no, wo ne no mmom ntɛm; na da bi wo nkurobɔni no anyi wo anhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no anyi wo anhyɛ ɔsomfoɔ nsa, na wɔamfa wo ankɔto afiase.


Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan