Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 4:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Mebutuu mo mu binom sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Mebutuu mo mu binom sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Mituu mo mu bi guu sɛnea metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu. Nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Metuu mo mu bi guiɛ sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu. Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Mibutuw mo mu binom, sɛ mibutuw Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu; nanso moansan amma me nkyɛn, AWURADE asɛm ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 4:11
24 Iomraidhean Croise  

Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini, ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no, ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo a Onyankopɔn butuu wɔn no.


na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie na yɛ komm, nsuro, na mma w’akoma nntu, nnyentia mmienu a ɛfiri wisie yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyeɛ no nti.


Siriafoɔ wɔ apueeɛ, na Filistifoɔ wɔ atɔeɛ, na wɔbɛtrɛ wɔn anomu amene Israel. Yei nyinaa mu no, n’abufuo nnyaee, na ne nsa atene ara.


Na Yerusalem adiyifoɔ no mu nso mahunu ahodwirideɛ, wɔsɛe awareɛ na wɔdi atorɔ, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa den, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na obiara ansane amfiri ne bɔne mu; wɔn nyinaa adane me sɛ Sodom, na emufoɔ ayɛ sɛ Gomora.


Sɛdeɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ hɔ hɔhoɔ.


O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.


Sɛ Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro a Onyankopɔn butuiɛ no, AWURADE asɛm nie, obiara biara rentena hɔ, na onipa ba biara renyɛ mu hɔhoɔ.


Wo fi mu wɔ abusudeɛ; sɛ matwi wo ho na amfire nti, wo ho rente mfiri wo fi no mu bio, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma m’abufuhyeɛ ano adwo wo soɔ.


Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio, na Asiria na ɔyɛ ne hene, ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn.


Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.


Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkuro nyinaa mu na modii aduanekɔm, mo tenabea nyinaa mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Mede ɔhoɔ ne ɔpoɔ ne asukɔtweaa bɔɔ mo, mo nsa ano adwuma nyinaa, nanso moannane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?


Na sɛdeɛ Yesaia aka asie no: Sɛ asafo Awurade annya mma amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na wɔama yɛasɛ Gomora.


Sɛ obi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ; ɔno ara deɛ wɔbɛgye no nkwa, nanso ɛte sɛ deɛ ɛnam ogya mu.


Na AWURADE bɛma mfuturo ne nso atɔ sɛ osuo ama no agu w’asase so de akɔsi sɛ wɔbɛsɛe woɔ.


sɔfe ne nkyene, hyeɛ a asase no nyinaa ahyeɛ a wɔnnua so adeɛ na ɛnsoɔ, na wira biara mfifiri soɔ, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuo a AWURADE de n’abufuo ne n’abufuhyeɛ butuiɛ no a, wɔbɛka ho asɛm,


na sɛ ɔdanee Sodom ne Gomora nkuro nso, na ɔde ɔsɛeɛ buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a akyire yi wɔbɛyɛ amumuyɛdeɛ,


ebinom nso monhwim wɔn mfiri gya mu nnye wɔn nkwa, na ebinom nso momfa suro nhu wɔn mmɔbɔ, na montane nipasu a ɛte sɛ atadeɛ a nkekaeɛ akeka mu nso.


Na saa ara nso na Sodom ne Gomora ne nkuro a ɛdeda ho a wɔyɛɛ sɛ yeinom, de wɔn ho maa adwamammɔ na wɔbɔɔ mmusuo kɛseɛ no, wɔde wɔn asi hɔ sɛ asɛnnahɔ ama daa ogya asotwe.


Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw ahodoɔ yi mu no ansakyera wɔn adwene amfiri wɔn nneyɛɛ ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika, ne dwetɛ, ne yaawa, ne aboɔ, ne dua honi a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm nanso ɛntumi nnanteɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan