Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 3:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Momma no mfa Asiria aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ano wɔ Samaria mmepɔ so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Momma no mfa Asiria aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ano wɔ Samaria mmepɔ so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Momma ɛmfa Asdod aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ho ano, Samaria mmepɔw so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛso a ɛwɔ no mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 3:9
22 Iomraidhean Croise  

Monnka no Gat, mommmɔ kaseɛ Askelon mmɔntene so, na Filistifoɔ mmammaa ani annye, na momonotofoɔ mmammaa anni ahurisie.


yɛbɛnya adeɛ a ne boɔ yɛ den nyinaa, yɛde asadeɛ bɛhyɛ yɛn afie ma.


Ɔbaa a n’anim teɛ nya animuonyam, na ɔhoɔdenfoɔ deɛ ɔnya ahonyadeɛ kwa.


Na mesane mehwɛɛ nhyɛsoɔ a wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo, na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara, na nhyɛsofoɔ nsam den no mu no, wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi!


Wobɛtɛ bobe nturo wɔ Samaria mmepɔ so bio; atɛfoɔ bɛtɛ, na wɔbɛdi so aba nso.


Monka no Misraim, na mompae mu nka no Migdol, na mompae mu nka no Memfis ne Tapanes hɔ. Monka sɛ: Gyina hɔ, na tim hɔ pintinn, ɛfiri sɛ afena redidi atwa wo ho ahyia.


Monka no amanaman mu, momma wɔnte na monsi frankaa, momma wɔnte, na mommfa nsuma, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwuo, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔahyɛ n’ahoni aniwuo, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Na mo Israel mmepɔ, mobɛdennan mo mman mu na moaso mo aba ama me man Israel, ɛrenkyɛre na wɔaba fie.


na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio,


Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.


na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod ne ahempomakurani afiri Askelon, na mɛdane me nsa atia Ekron, na Filistifoɔ nkaeɛ ayera, AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.


Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Wɔnnue, wɔn a wɔte Sion dwoodwoo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Samaria bepɔ soɔ, wɔn a wɔdɛnso amanaman mu adikanfoɔ mu, wɔn a Israel fie kɔ wɔn nkyɛn no.


Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.


Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no.


Amumuyɛ mu adenya da so wɔ omumuyɛfoɔ fie ne efa a wɔahwan soɔ a wɔadome no?


Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan