Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 3:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Anaasɛ wɔhyɛne totorobɛnto kuro mu a ɔman mmɔ binim? Anaasɛ bɔne bi ba kuro bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma no baeɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Anaasɛ wɔhyɛne totorobɛnto kuro mu a ɔman mmɔ binim? Anaasɛ bɔne bi ba kuro bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma no baeɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo ana? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo anaa? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Anaasɛ wɔhyɛn torobɛnto kurow mu a ɔman mmɔ piriw? Anaasɛ bɔne bi ba kurow bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma ɛbae?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 3:6
17 Iomraidhean Croise  

Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa.


Na ɔda so ne wɔn rekasa no, hwɛ, na ɔbɔfoɔ no resiane aba ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, bɔne yi firi AWURADE nkyɛn, ɛdeɛn na mentwɛn AWURADE mennye bio?


Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba. Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.


Hwan na ɔrensuro woɔ, O amanaman Hene? Wo na ɛfata woɔ; amanaman anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.


Me yam hyehye me, me yam hyehye me! Merebrɛ yea mu! O m’akoma afasuo mu! M’akoma pere me, mentumi memmua m’ano. Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn, ɔko mu sebɔ.


Monka wɔ Yuda, momma wɔnte wɔ Yerusalem, mommɔ din, monhyɛne totorobɛnto asase no so, monteam mma no nyɛ den, na monka sɛ: Mommoaboa mo ano mma yɛnkɔ nkuro a ɛyɛ den mu.


Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


O Benyamin mma, mommɔ mo ho adwaa mfiri Yerusalem! Na monhyɛne totorobɛnto wɔ Tekoa, na monsi frankaa Bet-hakerem! na adebɔne bi ne ɔsɛeɛ kɛseɛ repue afiri atifi fam.


na ɔhunu nkrantɛ sɛ ɛreba asase no so, na ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ ɔman no kɔkɔ,


Monhyɛne abɛn Gibea, monhyɛne totorobɛnto Rama. Mommɔ ose Bet-awen, ɛwɔ w’akyi, Benyamin.


Anomaa tɔ fidiem wɔ ɛfam a kantankoraa bi nni hɔ mma no? Fidie bi hwan firi fam a ɛnyii biribi anaa?


totorobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasuo mu nkuro ne aban atentene ano sorɔnsorɔn soɔ.


Na nna no nnya mmaeɛ no, na onipa apaadeɛ nni hɔ, na deɛ aboa nya nni hɔ, na deɛ ɔfiri adie ne deɛ ɔba mu no, ahohiahia nti asomdwoeɛ nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa ma onipa ne ne yɔnko di asie.


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Na sɛ yɛnim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wɔnhu no saa, na Onyankopɔn deɛ, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ, yɛada adi wɔ mo ahonim mu nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan