Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛfiri sɛ wɔnnim adetenenee yɛ, AWURADE asɛm nie, wɔn a wɔboa atirimuɔden ne dwotwa ano wɔ wɔn aban mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,” sɛnea Awurade se ni. “Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Efisɛ wonnim adetreneeyɛ, AWURADE asɛm ni, wɔn na wɔboa atirimmɔden ne dwowtwa ano, wɔn aban mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 3:10
23 Iomraidhean Croise  

Wannidi annya bi da, enti n’ahonyadeɛ rentena hɔ.


Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?


yɛbɛnya adeɛ a ne boɔ yɛ den nyinaa, yɛde asadeɛ bɛhyɛ yɛn afie ma.


Ɔbaa a n’anim teɛ nya animuonyam, na ɔhoɔdenfoɔ deɛ ɔnya ahonyadeɛ kwa.


Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu, na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu.


Na mesane mehwɛɛ nhyɛsoɔ a wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo, na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara, na nhyɛsofoɔ nsam den no mu no, wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi!


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


Ɛnna mese: Yeinom yɛ mmɔborɔfoɔ, nkwaseafoɔ ne wɔn, ɛfiri sɛ wɔnnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara.


na ɔnhom obi so, na ɔde ɔkafoni awowasideɛ sane ma, ɔnyɛ ɔpempensini, ɔde n’aduane ma deɛ ɔdi kɔm na ɔfira ɔdagyani ntoma,


Asase no so nkurɔfoɔ di amim na wɔsi apempem, na wɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, na wɔsi ɔhɔhoɔ apempem a ɛntene koraa.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene.


Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.


Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


mo a modane atemmuo bɔnwono na mode tenenee hwehwe fam no!


Apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika anaasɛ wɔde anantwie funtum hɔ anaa? Sɛ modane atemmuo awuduro na modane tenenee aba bɔnwono?


Mo a motu dabɔne hyɛ akyirikyirie na mode nhyɛsoɔ adwa twe pini.


AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.


Amumuyɛ mu adenya da so wɔ omumuyɛfoɔ fie ne efa a wɔahwan soɔ a wɔadome no?


Na ɛda no, mɛtwe obiara a ɔhuri tra aponnwa aso, wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisie hyehyɛ wɔn wuranom afie amaama.


Na wɔhyɛ da ara ma wɔn werɛ firi sɛ, ɛfiri teteete na ɔsoro wɔ hɔ, ne asase a ɛfiri nsuo mu, na ɛfiri nsuo mfimfini na ɛbɛtimm hɔ wɔ Onyankopɔn asɛm so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan