Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na wɔda awowa ntoma soɔ, afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonom wɔn a wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 na wɔda awowa ntoma soɔ, afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonom wɔn a wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔdeda afɔremuka biara ho wɔ wɔn awowa ntama so. Wɔn anyame fi mu no, wɔnom nsa a wɔagye sɛ mmaratode.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wɔdeda afɔrebukyia biara ho wɔ wɔn awowa ntoma so. Wɔ wɔn anyame efie no mu no wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 na wɔda awowa ntama so, afɔremuka nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonnom wɔn a wɔadi wɔn kasa nsa, wɔn anyame fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 2:8
17 Iomraidhean Croise  

Sɛ wofɛm me man mu mmɔborɔni bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, ɛnyɛ no sɛ ɔpempensifoɔ; monnnye no nsiho.


Bepɔ sorɔnsorɔn a ɛkorɔn so na wotoo wo mpa, ɛhɔ ara nso na woforo kɔ kɔbɔɔ afɔdeɛ;


na ɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempensideɛ nso ɔnnane mma, na ɔma n’ani so hwɛ ohoni huhuo yɛ akyiwadeɛ,


na ɔnhom obi so, na ɔde ɔkafoni awowasideɛ sane ma, ɔnyɛ ɔpempensini, ɔde n’aduane ma deɛ ɔdi kɔm na ɔfira ɔdagyani ntoma,


na wɔtenaa nnaeɛ a anim yɛ duro so, na ɛpono a wɔatoɔ si w’anim, na wode m’aduhwan ne me ngo sisii so.


Me man bɔne yɛ wɔn aduane, na wɔn amumuyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.


Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua.


Sɛ ɛda a mɛba abɛtwe Israel mmarato ho aso no, mɛtwe Betel afɔrebukyia nso aso, na wɔatwitwa afɔrebukyia no mmɛn, na agu fam.


Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ a mowɔ Samaria bepɔ soɔ, mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnaeɛ so, na wɔdi nnwanten mma a wɔfiri nnwankuo mu ne nantwie mma a wɔfiri ɔyɛn dan mu.


Wɔnom nsa nkoraa mu, na wɔde ngohwam sra wɔn ho, na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya.


Montumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; montumi nnidi Awurade pono so ne ahonhommɔne pono so.


Afei monnyɛ abosonsomfoɔ sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Nkurɔfoɔ no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre goroe.


Na sɛ obi hunu wo a wowɔ nimdeɛ no sɛ wote abosonnan mu adidiiɛ a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛ no nnya nnyinasoɔ nkɔdi abosom afɔrebɔdeɛ anaa?


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan