Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 2:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Hwɛ, me ara mɛnyema mo akɔ fam, sɛdeɛ teaseɛnam a ayuo afiafi ayɛ no ma nyema no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Hwɛ, me ara mɛnyema mo akɔ fam, sɛdeɛ teaseɛnam a ayuo afiafi ayɛ no ma nyema no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Na afei, mɛdwerɛw mo sɛnea teaseɛnam a aduan ayɛ no ma mia asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Na afei, mɛdwerɛ mo sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Hwɛ, me ara memia mo akɔ fam, sɛnea teaseɛnam a awi afiafi ayɛ no ma mia no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 2:13
10 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, na yɛrekyekyere ayuo afiafi wɔ afuom. Na m’afi no sɔre gyinaa kyirebenn, na hwɛ, mo afiafi no twaa m’afi ho hyiae, na ɛrekoto m’afi no.


Wobɛgye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba w’asan so?


Mprɛ ahe ara na wɔante n’anim atua ɛserɛ soɔ, na wɔanho ne werɛ anwea pradada soɔ!


Mo asrane foforɔ ne mo afahyɛ no, me kra kyi; abɛyɛ adesoa ama me, mabrɛ wɔ ne soa ho.


woamfa sika antɔ ahwedeɛ amma me, na woamma w’afɔdeɛ sradeɛ ammee me, na mmom wode wo bɔne yɛɛ me adesoa, na wode w’amumuyɛ maa mebrɛe.


Ɛnna ɔse: Dawid fie, montie ɛ! Ha a moha nnipa yi, ɛnnɔɔso mmaa mo, sɛ mobɛha me Nyankopɔn nso?


Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo.


Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.


Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?


Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa AWURADE anim. Nteaseɛnam a ɛso wɔ nkatasoɔ nsia ne anantwie dummienu; mmapɔmma baanu de nteaseɛnam baako, na obiara de nantwie baako; na wɔde baa tenabea no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan