Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ. Ɛnte saa, O Israelfoɔ? AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ. Ɛnte saa, O Israelfoɔ? AWURADE asɛm nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Miyiyii mo mmabarima no bi yɛɛ wɔn adiyifo, ne mo mmerante ebinom sɛ Naserefo. Na ɛnte saa ana, Israelfo?” Nea Awurade bisa ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ. Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?” Deɛ Awurade bisa nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na memomaa mo mma binom so misisii adiyifo, ne mo mmerante binom meyeyɛɛ ahotuafo. So ɛnte sa, Israelfo? AWURADE asɛm ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 2:11
34 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ wɔn.)


na Nimsi ba Yehu nso, sra no ngo si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ɔfiri Abel-mehola no deɛ, sra no si w’ananmu sɛ odiyifoɔ.


Na hwɛ, odiyifoɔ bi twe pinii Israelhene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wohunu asafokuo kɛseɛ yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahunu sɛ mene AWURADE.


Ɛnna ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ mma mu de AWURADE asɛm ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɔ no.


Ɛnna ɔyɛɛ ntɛm yii abotire no firii n’ani akyire, na Israel hene no hunuu no sɛ ɔfiri adiyifoɔ no mu.


Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako bi da so wɔ hɔ a anka yɛbɛtumi abisa AWURADE afiri ne nkyɛn, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.


Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Na adiyifoɔ mma no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, w’anim ha a yɛteɛ yi yɛ hiahiaa papa ma yɛn.


Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn, ɛfiri sɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.


Enti sɛ AWURADE ka no Anatot mmarima a wɔrehwehwɛ wo akum woɔ, na wɔka sɛ: Nhyɛ AWURADE din mu nkɔm na woanwu yɛn nsa ano, no ho nie,


Mo, nnɛɛmma, montie AWURADE asɛm. Madane ɛserɛ so ama Israel, anaasɛ asase a aduru sum kabii? Ɛdeɛn nti na me man ka sɛ: Yɛafa yɛn ho adi, yɛremma wo nkyɛn bio?


Sɛ AWURADE seɛ nie: Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi?


Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mmapɔmma ne ɔman no nyinaa sɛ: Wɔmmu ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo aso teeɛ no.


Ɛfiri da a mo agyanom firii Misraim asase so de bɛsi nnɛ da yi, masoma me nkoa, adiyifoɔ no nyinaa, aba mo nkyɛn; daa na metuaa nhema mesomaa wɔn,


Ne mmapɔmma ho te sene sukyerɛmma, wɔhoa nso sene nufosuo; wɔn honam bere sene ntwoma, wɔn nipadua te sɛ hoaboɔ.


Monnka adiyisɛm! Sɛdeɛ wɔkeka no ne no; wɔnnka yeinom ho adiyisɛm; ahohora remma.


Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.


Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.


Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan