Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 2:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Moab amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde Edom hene nnompe hyee akaadoo nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Sɛ AWURADE seɛ nie: Moab amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde Edom hene nnompe hyee akaadoo nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nea Awurade se ni: “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔhyew Edomhene nnompe, maa ɛdan nsõ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Deɛ Awurade seɛ nie: “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔhyee Edomhene nnompe, ma ɛdanee nsõ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Sɛ AWURADE se ni: Moab amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ ɔhyew Edom hene nnompe sɛ akadoo nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 2:1
22 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Israel hene, Yuda hene ne Edomhene sii mu kɔeɛ; na wɔtwaa nnanson kwan, na nsuo nni hɔ mma dɔm no ne mmoa a wɔdi wɔn akyire.


AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.


Na wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so atɔeɛ fam, na wɔbɛbom afom apueeɛ mma afa; Na wɔbɛtene wɔn nsa wɔ Edom ne Moab so, na Amon mma atie wɔn.


Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne ahoahoasɛm huhuo no.


Na AWURADE nsa bɛsi bepɔ yi so na wɔbɛtiatia Moab so wɔ n’afa, sɛdeɛ wɔtiatia nwira dodoɔ soɔ wɔ sumina soɔ;


Edom ne Moab ne Amonfoɔ,


Sɛ AWURADE seɛ nie: Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde afena tii ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuo sɛee adeɛ ara na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Amonfoɔ amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane wɔn asotwe no, sɛ wɔgu so retrɛ w’ahyeɛ mu no, wɔpaepaee mpo Gilead anyinsɛnfoɔ mu,


Sɛ AWURADE seɛ nie: Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ dwerɛɛ Gilead nti.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔapo AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ, na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.


Me man, kae agyina a Moabhene Balak tuiɛ, ne deɛ Beor ba Bileam de buaa no, ɛfiri Sitim kɔduru Gilgal, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na woahunu AWURADE nsɛntenenee no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan