Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Sɛ AWURADE seɛ nie: Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Sɛ AWURADE seɛ nie: Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nea Awurade se ni: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔfaa ɔmanmu no nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo, a wankae onuadɔ apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Deɛ Awurade seɛ nie: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔfaa ɔman mu no nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ, a wankae onuadɔ apam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Sɛ AWURADE se ni: Tiro amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfo dodow, ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 1:9
23 Iomraidhean Croise  

Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔde ntweneduro nnua ne nnuasenfoɔ ne abantofoɔ baa Dawid nkyɛn na wɔkyekyeree efie maa Dawid.


Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifoɔ asase ne wɔn a wɔte Tiro.


ne Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa ne ɛpo akyiri nohoa asase so ahemfo,


ɛda a ɛreba abɛsɛe Filistifoɔ nyinaa atwitwa Tiro ne Sidon aboafoɔ a aka no nyinaa nti, na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ, Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


W’adeɛ dodoɔ ne w’adetɔnneɛ, wo nsesa adwadeɛ, w’ahyɛn mufoɔ ne w’ahyɛn kwankyerɛfoɔ, wo mu agoago pempamfoɔ ne w’adwadeɛ sesafoɔ ne wo mu akofoɔ nyinaa ne w’asafo a wɔwɔ wo mu nyinaa, bɛmem ɛpo mu, w’ahweaseɛ da no mu.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


W’amumuyɛ dodoɔ so, w’adwadie abusudeɛ mu woagu w’akronkronneɛ ho fi, enti mama ogya afiri wo mu, na ahye wo, na madane wo nso, asase so, wɔn a wɔhwɛ woɔ nyinaa anim.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde afena tii ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuo sɛee adeɛ ara na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.


Ɛda a wobɛgyinaa ntentensoɔ, ɛda a ananafoɔ faa ne dɔm nnommum kɔeɛ, na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu na wɔtwee Yerusalem so ntonto no, ɛno mu na wo nso woyɛɛ sɛ wɔn mu baako.


Yei ne AWURADE asɛm: AWURADE atemmusɛm bɛtena Hadrak asase so ne Damasko mu. Na sɛdeɛ Israel mmusuakuo yɛ AWURADE dea no, saa ara na Aram nkuropɔn nso yɛ ne dea.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ ahoɔdenneɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔtenatenaa ayitoma ne nso mu sakyeraa wɔn adwene ntɛm ara.


Nso atemmuo mu no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan