Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 1:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Sɛ AWURADE seɛ nie: Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Sɛ AWURADE seɛ nie: Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nea Awurade se ni: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Deɛ Awurade seɛ nie: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ AWURADE se ni: Gasa amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan n’asotwe no, sɛ wotuu atukɔfo dodow, ɔman mu, kɔe sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 1:6
18 Iomraidhean Croise  

Na Filistifoɔ nso abɛgu mpaperɛ so ne Yuda anafoɔ fam nkuro so, na wɔagye Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ.


AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie:


Ɛsiane sɛ wokuraa daa nitan, na woyii Israel mma hyɛɛ nkrantɛ nsa, wɔn amaneɛ berɛ mu, wɔn asotwe a ɛdi akyire no mu nti,


Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifoɔ amantoɔ nyinaa? Deɛ mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribie? Ɛherɛ so ntɛm so na mɛdane deɛ moreyɛ no agu mo atifi.


Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafoɔ, sɛ moreyi wɔn afiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde afena tii ne nua, na ne yam anhyehye no, na n’abufuo sɛee adeɛ ara na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ dwerɛɛ Gilead nti.


Na mɛto Gasa fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no;


Sɛ AWURADE seɛ nie: Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa, na wɔankae anuanom apam no nti.


Ɛda a wobɛgyinaa ntentensoɔ, ɛda a ananafoɔ faa ne dɔm nnommum kɔeɛ, na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu na wɔtwee Yerusalem so ntonto no, ɛno mu na wo nso woyɛɛ sɛ wɔn mu baako.


Askelon bɛhunu na wasuro, na Gasa nso ho apopo biribiri sɛ; na Ekron nso wɔahyɛ n’anidasoɔ aniwuo, na ɔhene bɛyera afiri Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio.


Na Awurade bɔfoɔ kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafoɔ fam kwan a ɛsiane firi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan.


Na yeinom ne sika mpɔmpɔ a Filistifoɔ de yɛɛ asodie afɔdeɛ de brɛɛ AWURADE no: Asdod deɛ baako, Gasa deɛ baako, Askelon deɛ baako, Gat deɛ baako, Ekron deɛ baako;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan