Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Amos 1:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Sɛ AWURADE seɛ nie: Amonfoɔ amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane wɔn asotwe no, sɛ wɔgu so retrɛ w’ahyeɛ mu no, wɔpaepaee mpo Gilead anyinsɛnfoɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Sɛ AWURADE seɛ nie: Amonfoɔ amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane wɔn asotwe no, sɛ wɔgu so retrɛ w’ahyeɛ mu no, wɔpaepaee mpo Gilead anyinsɛnfoɔ mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛnea Awurade se ni: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu de trɛw nʼahye mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu de trɛɛ nʼahyeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Sɛ AWURADE se ni: Amonfo amumɔyɛ ntoatoaso nti merennan wɔn asotwe no, sɛ bere a wogu so retrɛw wɔn ahye mu no mpo, wɔpaepae Gilead apemfo mu nti

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Amos 1:13
27 Iomraidhean Croise  

Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.


Ɛberɛ no mu no Menahem firii Tirsa kɔkum Tifsa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, ɛfiri sɛ wɔanhini no nti, ɔkumm wɔn, na ɔpaepaee emu anyinsɛnfoɔ nyinaa mu.


Na AWURADE somaa Kaldeafoɔ asafo ne Siriafoɔ asafo ne Moabfoɔ asafo ne Amon asafo baa ne so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ so kaeɛ no teɛ no.


Na Hasael bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura resu? Na ɔse: Ɛfiri sɛ menim bɔne a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wɔn nkuro a ɛyɛ den no, wobɛtoto mu gya, na wode nkrantɛ bɛkunkum wɔn mmeranteɛ, na woatete wɔn nkɔkoaa ahwehwe fam, na woapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.


Na ɛbaa sɛ ɛno akyiri no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko.


Na afei, hwɛ, Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn soɔ, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba no, na mmom wɔdane firii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no,


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?


Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifoɔ asase ne wɔn a wɔte Tiro.


Wɔnnue, wɔn a wɔde ɛdan toa ɛdan soɔ, wɔn a wɔde afuo ka afuo ho kɔsi sɛ ɛkwan biara nni hɔ bio, na mo nko ara motena asase no soɔ.


Edom ne Moab ne Amonfoɔ,


Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ no ho nie, na ka sɛ: Nkrantɛ, nkrantɛ a wɔtwe rebɛkum, wɔapɔ ho sɛ ɛnni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: Aman mmienu yi ne nsase mmienu yi, bɛyɛ me deɛ na yɛafa adi so, nso AWURADE wɔ hɔ,


Samaria tiri ato, sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua; afena ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.


Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ dwerɛɛ Gilead nti.


na woduru Amon mma hyeɛ so a, nteetee wɔn, anaasɛ ɛne wɔn nnni aperepereɛ, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede mama Lot mma sɛ wɔnni so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan