Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 9:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ntutummɛ firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛ asase so anyanyankyerɛ tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ntutummɛ firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛ asase so anyanyankyerɛ tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwɛre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mmoadabi firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ anyanyankyerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛe asase so nkekantwɛre tumi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 9:3
16 Iomraidhean Croise  

na afei, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


Na sɛ, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo a, me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmɔfra no tuu no foɔ no sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo.


Na wɔtase asadeɛ sɛ osa tase adeɛ, sɛdeɛ ntutummɛ hurihuri no, saa ara na wɔhurihuri wɔ soɔ.


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ.


Deɛ aketekyire adi aka no, ntutummɛ adi. Na deɛ ntutummɛ adi aka no, mfuntie adi. Na deɛ mfuntie adi aka no, mmɛbɛ adi.


Na mfirinhyia a ntutummɛ, mfuntie, mmɛbɛ ne nketekyire, me dɔm kɛseɛ a mesomaa wɔn baa mo mu no diiɛ no, mɛhyɛ no ananmu.


Ɛhɔ ara na ogya bɛhye woɔ, afena bɛtwa wo adi wo sɛ ntutummɛ, mpo sɛ wo dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wo dɔɔso sɛ mmɛbɛ a.


W’asafohene te sɛ mmɛbɛ, na wo dɔm a woapɔn wɔn te sɛ mmɛbɛ akuakuo a wɔsensam ban ho ban ho awɔ da; owia firi a, wɔtu kɔ a obiara biara nnim faako a wɔkorɔ.


Hwɛ, mema mo tumi sɛ montiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.


ɔno na ɔdii w’anim de wo faa ɛserɛ kɛseɛ a awɔ a wɔn ano wɔ borɔ ne anyanyankyerɛ wɔ, ne nkyɛkyerɛ a nsuo nni hɔ so; ɔyii nsuo firii ɔbohemmaa botan mu maa wo;


Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnnkum wɔn, na mmom wɔnha wɔn abosome nnum. Na wɔn haw no te sɛ anyanyankyerɛ a ɔka onipa bi deɛ.


Na ntutummɛ no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko deɛ, na biribi wowɔ wɔn tiri so te sɛ sika abotire, na wɔn anim tete sɛ nnipa deɛ.


Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan