Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 9:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto. Na mehunuu nsoromma bi a ɛfiri soro atɔ asase soɔ, na wɔde ebunu abura ano safoa maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto. Na mehunuu nsoromma bi a ɛfiri soro atɔ asase soɔ, na wɔde ebunu abura ano safoa maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto. Mihuu nsoromma a atew fi ɔsoro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebun a ase nni awiei safe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hyɛnee ne totorobɛnto. Mehunuu nsoromma a wate firi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebunu a ase nni awieeɛ safoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛnn ne torobɛnto. Na mihuu nsoromma bi a efi soro atɔ asase so, na wɔde ebun abura ano safe maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 9:1
20 Iomraidhean Croise  

Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ? Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba! Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mehunuu Satan sɛ ɔfiri soro hwee ase sɛ anyinam.


Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bunu no mu.


anaasɛ hwan na ɔbɛsiane akɔ ebunu mu? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛfiri awufoɔ mu aba).


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.


Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri soro resiane a ɔkura ebunu no ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu guo.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ ogyatɛnee firi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔntene nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsuo aniwa so.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.


Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan