Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwui, na ahyɛn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso sɛee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako wuwui, na ahyɛn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bobɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ ɛpo no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bobɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na abɔde a ɛwɔ nkwa wɔ po mu no mu nkyɛm abiɛsa mu biako wuwui, na ahyɛn nkyɛm abiɛsa mu biako nso sɛee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 8:9
13 Iomraidhean Croise  

Wode apueeɛ mframa bobɔɔ Tarsis ahyɛn.


Na mpataa a ɛwɔ asuo no mu wuwui, na asuo no bɔnee, na Misraimfoɔ antumi annom asuo no mu nsuo, na mogya kataa Misraim asase nyinaa so.


ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so.


Tiro ho atemmusɛm. O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn.


Na wɔbɛtwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu mmienu ma no adwerɛ, nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛgya no wɔ so, AWURADE asɛm nie.


Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!


Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.


Na deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdanee sɛ owufoɔ mogya, na ɛpo no mu mmoa nyinaa wuwuiɛ.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre sɛ ogyatɛnee firi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔntene nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsuo aniwa so.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔn nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako no duduruu sum, na adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.


Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee.


Na wɔsanesanee abɔfoɔ baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne bosome ne afe no sɛ wɔnkunkum nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.


Wɔnam ɔhaw mmiɛnsa yi so de ogya ne wisie ne sɔfe a ɛfifiri wɔn anomu no so kunkumm nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan