Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 8:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na nsoromma no din de Ɔnwono, na nsuo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa pii wuwui, nsuo no nwono a ayɛ no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na nsoromma no din de Ɔnwono, na nsuo no nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa pii wuwui, nsuo no nwono a ayɛ no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nsoromma no din de “Anwɔnwen.” Nsu no nkyɛmu abiɛsa mu baako yɛɛ nwen, na nnipa a wɔnomee no mu bebree wuwui, efisɛ na ayɛ nwen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nsoromma no din de “Ɔnwono”. Nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a wɔnomeeɛ no mu bebree wuwuiɛ ɛfiri sɛ, na ayɛ nwono.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na nsoromma no din de Awɔnwene, na nsu no nkyɛm abiɛsa mu biako yɛɛ nwene, na nnipa pii wuwui, nsu no nwene a ayɛ no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 8:11
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔduruu Mara no, na wɔntumi nnom Mara nsuo, ɛfiri sɛ ɛyɛ nwono. Enti wɔtoo hɔ din Mara.


na n’akyiri yɛ nwono sɛ ɔnwono, ɛyɛ nnam te sɛ nkrantɛ anofanu.


Enti sɛ asafo AWURADE ka no adiyifoɔ no ho nie: Hwɛ, merema wɔn bɔnwono adi, na mama wɔn ɛborɔ nsuo anom, ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ mu abɔnefosɛm afiri kɔ asase no nyinaa so.


Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, mede ɔnwono bɛma ɔman yi adi, na mede nsuo a ɛborɔ wɔ mu ama wɔanom.


Kae m’amaneɛ ne m’ahometeɛ, ɔnwono ne borɔ no.


Wato fasuo afa me ho, na ɔde borɔ ne ɔbrɛ atwa me ho ahyia.


mo a modane atemmuo bɔnwono na mode tenenee hwehwe fam no!


Apɔnkɔ tutu ɔbotan so mmirika anaasɛ wɔde anantwie funtum hɔ anaa? Sɛ modane atemmuo awuduro na modane tenenee aba bɔnwono?


Na wɔbɛtwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu mmienu ma no adwerɛ, nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛgya no wɔ so, AWURADE asɛm nie.


Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!


na monhwɛ yie, na ɔbarima bi anaa ɔbaa bi anaa abusua bi anaa abusuakuo bi antena mo mu a wɔn akoma redane nnɛ afiri AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na nhini bi antena mo mu a ɛso ɛborɔ ne ɔnwono;


Na monhwɛ yie na obi amfiri Nyankopɔn adom no ho anka akyi, na wannyɛ te sɛ nhini nwononwono bi amfiri anyɛ ɔhaw biara, na wamfa nkekaeɛ ammɛkeka nnipa bebree,


Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.


Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee.


Na wɔsanesanee abɔfoɔ baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn ne ɛda ne bosome ne afe no sɛ wɔnkunkum nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.


Wɔnam ɔhaw mmiɛnsa yi so de ogya ne wisie ne sɔfe a ɛfifiri wɔn anomu no so kunkumm nnipa nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwononwono so sɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan