Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 7:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ abɔfoɔ baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔkura Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsɔano sɛ ɔfiri owia apueeɛ reba, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ abɔfoɔ baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano sɛ ofi owia apuei reba, na ɔde nne kɛse teɛɛm kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asase ne ɛpo no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 7:2
29 Iomraidhean Croise  

Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nnipa nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.


Fa me si w’akoma so sɛ nsɔanodeɛ, fa me si wo basa so sɛ nsɔanodeɛ. Na ɔdɔ yɛ den sɛ wuo, ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asamando, ne nsramma yɛ ogya nsramma, ogyaframa a ano yɛ den pa ara.


Hwan na ɔnyane deɛ ɔfiri apueeɛ no a tenenee hyia no baabiara a ɔnam? Ɔde amanaman gu n’anim, na ɔde ahemfo hyɛ n’ase. N’afena ma wɔyɛ sɛ mfuturo, ne tadua yɛ wɔn sɛ ntɛtɛ a ɛbɔ guo;


na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Na Simon Petro buaa sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefoɔ no ba!


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!


Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano.


ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ dwaha ama yɛn wɔ yɛn akoma mu.


Ɔno ara mu na mo nso, motee nokorɛ asɛm a ɛne mo nkwagyeɛ ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mogye diiɛ no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no,


Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.


Na honam nyinaa mu hwan na wate Nyankopɔn teasefoɔ no nne sɛ ɛrekasa firi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa?


Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mogyee yɛn too mu, ne sɛdeɛ modane firii ahoni ho aba Nyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefoɔ nokwafoɔ,


Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.


Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,


Nhyira ne deɛ ɔkenkan ne wɔn a wɔtie adiyie nsɛm no, na wɔde deɛ wɔatwerɛ wɔ mu no sie; na ɛberɛ no abɛn.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ!


Na deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate mu, na emu nsuo wee, na wɔasiesie kwan ama ahemfo a wɔfiri owia apueeɛ nohoa.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Hwan na ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔte ne nsɔano no?


Na ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia no ho, ɔkura sika hwam kuruwa, na wɔmaa no nnuhwam pii, sɛ ɔmfa nka ahotefoɔ nyinaa mpaebɔ ho, sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so.


a ɛka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔwɔ totorobɛnto no sɛ: Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho no.


Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka asase so wura, anaa ahahan mono biara, anaa dua biara, gye nnipa a wɔnni Nyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma soɔ no nko.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan