Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 7:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛkɔm renne wɔn bio, nso sukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahuhuro biara rento wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Ɛkɔm renne wɔn bio, nso sukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahuhuro biara rento wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Osukɔm renne wɔn bio; ɔkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renka wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Sukɔm renne wɔn bio; ɛkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 7:16
23 Iomraidhean Croise  

AWURADE ne wo hwɛfoɔ, AWURADE ne wo nwunu, wo nsa nifa so.


Owia renhye wo awia, anaa ɔsrane, anadwo.


Metene me nsam mekyerɛ wo, wo ho sukɔm de me kra sɛ asase a awoɔ.


Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho sukɔm de me kra. Da bɛn na mɛba mabɛfiri Nyankopɔn anim?


Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, mehwehwɛ wo anɔpahema, wo ho sukɔm de me kra, me honam ahodwo repɛ wo hɔ biribi, asase pɛsɛɛ a nsuo nni soɔ ma no tɔ piti wɔ so.


Monnhwɛ me haa ɛsiane sɛ mebirie nti, ɛsiane sɛ owia akusa me nti; Me na mmammarima bo fuu me, wɔmaa me yɛɛ bobeturo no hwɛfoɔ, nanso m’ankasa me bobeturo no deɛ, manhwɛ.


Na woayɛ aban a ɛyɛ den ama mmɔborɔni, aban a ɛyɛ den ama ohiani, n’ahohia mu, ahum ano dwanekɔbea, ahuhuro mu enwunu, na atirimuɔdenfoɔ home ayɛ sɛ ahum ne osuo a ɛboro fasuo,


na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne osuo ano dwanekɔbea, sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.


Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo a ebi nni hɔ na sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no, me, AWURADE mɛgye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.


ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn, na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn, na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me nkoa bɛdidi, na mo deɛ, mobɛdi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo deɛ, sukɔm bɛde mo; hwɛ, me nkoa ani bɛgye, na mo deɛ, mo ani bɛwu;


Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.


nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.


na owia firiiɛ no, ɛkusae, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛhyeeɛ.


Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.


na ɛnnye nhini wɔn mu, na wɔwɔ hɔ berɛ tiaa bi; na akyire yi no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn suntidua.


na owia firiiɛ no, ɛkusaeɛ, ɛsiane sɛ na ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ.


Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafoɔ kwan yafumpan.


Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo yi, na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛsere.


Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.


Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ.


Na ɔbɛpepa wɔn ani ase nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea biara nni hɔ bio, ɛfiri sɛ kane nnoɔma no atwam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan