Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 7:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ: Yeinom a wɔhyehyɛ ntadeɛ yuu fitaa yi yɛ hwannom, na wɔfiri he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ: Yeinom a wɔhyehyɛ ntadeɛ yuu fitaa yi yɛ hwannom, na wɔfiri he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na mpanyimfo no mu biako bisaa me sɛ: Eyinom a wɔhyehyɛ ntade yuu fitaa yi yɛ henanom, na wofi he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 7:13
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane.


Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ.


Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ: Monim me, na monim deɛ mefire. Na ɛnyɛ me ara na mehyɛɛ me ho mebaeɛ; na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ a monnim no.


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wɔnguu wɔn ntadeɛ ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnante ntadeɛ fitaa mu, ɛfiri sɛ wɔfata.


mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:


Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.


Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem,


Na mpanimfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuo mu Gyata no, Dawid nhini no adi nkonim sɛ ɔbɛbue nwoma no mu na watete ne nsɔano nson no.


Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ.


Ɛnna ɔbaa no ba bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Nyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ anim, na mammisa no deɛ ɔfire, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan