Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 7:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na abɔfo no nyinaa atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw fam, ahengua no anim, na wɔkotow Nyankopɔn

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 7:11
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no.


Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkoto no.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse: Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!


Na mpanimfoɔ aduonu nnan a wɔtete wɔn nhennwa soɔ Nyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔkotoo Onyankopɔn


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne wɔn a wɔkura nwoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Koto sɔre Onyankopɔn!


mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:


Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan