Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 7:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nkwagyeɛ no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ ne adwammaa no dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nkwagyeɛ no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ ne adwammaa no dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔteɛɛ mu se, “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguamma no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔteaam sɛ, “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn a ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 7:10
26 Iomraidhean Croise  

Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na animuonyam nka, w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti.


Na AWURADE na nkwagyeɛ wɔ no; wo man so na ma wo nhyira mmra.


Na ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi AWURADE, ɔne wɔn dwanekɔhyɛbea, ahohia da mu.


Me, mene AWURADE, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ sɛ me!


Ampa ara, wone Onyankopɔn a woahunta, Israel Nyankopɔn, Ɔgyefoɔ no.


Monkasa, monka mo asɛm; momma wɔmmom ntu agyina. Hwan na ɔmaa wɔtee yei firi teteete na ɔka firi tete nteredee? Ɛnyɛ me, AWURADE a? Na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko ara, Onyankopɔn a ɔtene na ɔgye nkwa; obi nni baabiara gye me nko.


Ampa ara, nkokoɔ ne mmepɔ so hooyɛ yɛ ɔkwa. Ampa ara, AWURADE yɛn Nyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ.


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so, na wonnim Onyankopɔn biara sɛ me nko, na ɔgyefoɔ biara nni m’akyi.


Na me deɛ, mede aseda nne bɛbɔ wo afɔdeɛ, deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua; ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!


Hwan ne wo, bepɔ kɛseɛ? Wobɛdane asaseta wɔ Serubabel anim! Na ɔde atifi boɔ bɛfiri adi aba, na wɔabɔ so ose sɛ: Adom, adom mmra so.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa no nie!


Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu.


Na adom na wɔde nam gyidie so agye mo nkwa, ɛmfiri mo ara, ɛyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ,


Na metee nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Afei nkwagyeɛ ne tumi ne ahennie ayɛ yɛn Nyankopɔn dea, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, ɛfiri sɛ wɔato yɛn nuanom anototofoɔ no atwene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.


Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;


Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.


Na mmusuo biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no na ɛbɛsi mu, na ne nkoa bɛsom no,


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Na ɔba bɛgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan