Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 7:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yei akyiri no mehunuu abɔfoɔ baanan a wɔgyinagyina asase ntweasoɔ nnan no ano kurakura asase mframa nnan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yei akyiri no mehunuu abɔfoɔ baanan a wɔgyinagyina asase ntweasoɔ nnan no ano kurakura asase mframa nnan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne ɛpo so ne baabiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Eyi akyi no mihuu abɔfo baanan a wogyinagyina asase afanan no ano kurakura asase mframa anan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 7:1
23 Iomraidhean Croise  

Na wama frankaa so ama amanaman, na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no afiri asase ntwea nnan so abɛhyia.


Me, AWURADE, na mehwɛ so, megu so nsuo berɛ nyinaa mu; mehwɛ no awia ne anadwo, na hwee ammɛyɛ no.


Wɔn bɔne na wosusuu so ne wɔn diiɛ, sɛ, ɔde mframa a ano yɛ den huu na wokaa no kɔeɛ apueeɛ mframa da no.


na mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so, na mabɔ wɔn apete mframa yi nyinaa ano, na ɔman biara nni hɔ a Elam adamfikyi remma hɔ;


Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ aframa no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ahome e, firi mframa nnan no mu bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wɔnnya nkwa.


Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie: Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba asase no ntwea nnan soɔ.


Na ɔgyina a, n’ahennie bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa nnan no mu; nanso wɔremfa mma n’asefoɔ, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wɔbɛtutu n’ahennie de ama afoforɔ na ɛnyɛ yeinom.


Daniel firii aseɛ sɛ: Mehunuu m’ani so adeɛ anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa nnan tu bɔe wɔ ɛpo kɛseɛ no so.


Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo kɔduruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, abɛn kɛseɛ no bui, na mmɛn nnan a wɔhwɛ a, ɛsosoo fifirii ananmu kyerɛkyerɛ ɔsoro mframa nnan.


Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe wɔ ɛpo no so, na ahum kɛseɛ tui wɔ ɛpo no so, na ɛhyɛn no yɛɛ sɛdeɛ ɛrebɛbɔ.


Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.


Na ɔbɔfoɔ no bua see me sɛ: Yeinom ne ɔsoro mframa nnan a ɛfiri adi firi deɛ wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.


Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, ɛfiri asase ano kɔpem ɔsoro ano.


na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.


Na metee nne bi ateasefoɔ baanan no mfimfini a ɛse: Yɛ ayuo susukoraa denare, na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee!


sɛ: Monnha asase anaa ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde agyiraeɛ bɛsisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma soɔ.


Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔto guu asase so. Na asase nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako hyee, na nnua nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako nso hyee, na nwira mono nyinaa nso hyee.


a ɛka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔwɔ totorobɛnto no sɛ: Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho no.


Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka asase so wura, anaa ahahan mono biara, anaa dua biara, gye nnipa a wɔnni Nyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma soɔ no nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan