Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na metee nne bi ateasefoɔ baanan no mfimfini a ɛse: Yɛ ayuo susukoraa denare, na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na metee nne bi ateasefoɔ baanan no mfimfini a ɛse: Yɛ ayuo susukoraa denare, na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Metee biribi te sɛ nne bi fii ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukoraa yɛ da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso nsɛe ngo ne bobesa no!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Metee biribi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Ayuo susukora yɛ ɛda koro akatua, ɛnna aburoo susukora mmiɛnsa nso yɛ ɛda koro akatua. Nanso, nsɛe nsrango no ne bobesa no!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na metee nne bi ateasefo baanan no mfinimfini a ese: Yɛ awi susukora denare, na yɛ aburow susukora abiɛsa denare; nanso ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 6:6
6 Iomraidhean Croise  

Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie, wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.


Na ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so; na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


sɛ: Monnha asase anaa ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde agyiraeɛ bɛsisi yɛn Nyankopɔn nkoa moma soɔ.


Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka asase so wura, anaa ahahan mono biara, anaa dua biara, gye nnipa a wɔnni Nyankopɔn nsɔano wɔ wɔn moma soɔ no nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan