Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 6:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔpɔnkɔ foforɔ kɔkɔɔ bi firii adi, na wɔmaa deɛ ɔte ne soɔ no ahoɔden sɛ ɔmmɛyi asomdwoeɛ mfiri asase so na wɔnkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔpɔnkɔ foforɔ kɔkɔɔ bi firii adi, na wɔmaa deɛ ɔte ne soɔ no ahoɔden sɛ ɔmmɛyi asomdwoeɛ mfiri asase so na wɔnkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Ɔmaa nea ɔte ne so no tumi se ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no afoa kɛse bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔpɔnkɔ foforɔ a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ. Wɔmaa deɛ ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no akofena kɛseɛ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 6:4
17 Iomraidhean Croise  

Ao, AWURADE, sɔre bɛsianka wɔn na brɛ wɔn ase, fa w’afena gye me kra firi abɔnefoɔ nsam.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa ho popoe, na wɔsuroo n’anim; deɛ ɔpɛ no, ɔkumm no, na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no tenaa ase; na deɛ ɔpɛ no, ɔmaa no so, na deɛ ɔpɛ no, ɔbrɛɛ no ase.


Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?


Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔbire na ɛwɔ ho,


Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so; ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ, na mmom nkrantɛ.


Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo akoma antu, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du, na ahemmotire nson bobɔ ne ti.


Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrantɛ kum a, ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no. Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ.


Na ɔde me faa honhom mu kɔɔ ɛserɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma, na ɔwɔ tiri nson ne mmɛn du so.


Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan