Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 5:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na abɔdeɛ a ɛwɔ soro ne asase soɔ ne asase ase ne ɛpo so ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, metee sɛ wɔse: Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka deɛ ɔte ahennwa no soɔ, ne adwammaa no daa daa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na abɔdeɛ a ɛwɔ soro ne asase soɔ ne asase ase ne ɛpo so ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, metee sɛ wɔse: Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka deɛ ɔte ahennwa no soɔ, ne adwammaa no daa daa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na metee sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔde biara a ɛwɔ po mu ne abɔde biara a ɛwɔ wiase nyinaa reto dwom se, “Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi, nka nea ɔte ahengua no so ne Oguamma no, daa daa!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi, nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no, daa daa!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na abɔde a ɛwɔ ɔsoro ne asase so ne asase ase ne ɛpo so ne nea ɛwɔ mu nyinaa, de nne kɛse to dwom sɛ: Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka nea ɔte ahengua no so ne oguammaa no daa daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 5:13
29 Iomraidhean Croise  

Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.


Wɔn deɛ, wɔbɛma wɔn nne so ato anigyeɛ dwom. AWURADE kɛseyɛ nti wɔde ahosɛpɛ bɛteam afiri po fam.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom; mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ, nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


Ɛfiri sɛ ade nyinaa firi ne mu, na ɛnam ne so ba, na ɛwie ne mu; ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.


Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafoɔ koro no, animuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.


na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.


ɔno na animuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ berɛsanten a ɛbɛba no ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.


sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotoɔ, deɛ ɛwɔ soro, deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ asase ase,


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.


Ma w’ani mmra wo ho ne nkyerɛkyerɛ no so na tena mu, ɛfiri sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne w’atiefoɔ nkwa.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen.


Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ santen, seesei ne daa nyinaa. Amen.


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


Na mehunuu nwoma bi wɔ deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu a wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔde nsɔano nson asosɔ ano.


na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie, ne animuonyam ne nhyira.


Na obiara nni soro anaa asase so anaa asase ase a ɔbɛtumi abue nwoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu.


Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahennwa no soɔ no ne adwammaa no abufuo ho,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan