Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 5:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie, ne animuonyam ne nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie, ne animuonyam ne nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 reto dwom dennen se, “Oguamma a wokum no no fata sɛ ogye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nkamfo!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 reto dwom denden sɛ, “Odwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne anidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 na wɔde nne kɛse too dwom sɛ: Oguammaa a wokum no no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 5:12
19 Iomraidhean Croise  

Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.


Nanso mmerɛ santen hene, Onyankopɔn koro a ɔte ase daa a wɔnhu no no, anidie ne animuonyam nka no, mmerɛ santen mfesanten. Amen!


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa. Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.


Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;


Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.


Na abɔdeɛ a ɛwɔ soro ne asase soɔ ne asase ase ne ɛpo so ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, metee sɛ wɔse: Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka deɛ ɔte ahennwa no soɔ, ne adwammaa no daa daa!


Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.


Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Na mehunuu sɛ adwammaa no tee nsɔano no mu baako ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: Bra!


kaa sɛ: Amen, nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan