Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 5:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Bio mehwɛe, na metee abɔfo mpempem nka. Na wɔatwa ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no ho ahyia

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Bio mehwɛeɛ, tee abɔfoɔ mpempem nka. Na wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no ho ahyia

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na mehwɛe, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahorow mpem,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 5:11
18 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


AWURADE abɔfoɔ, monhyira no, mo ahoɔden mu akatakyie a modi n’asɛm soɔ na motie ne kasa no.


N’abɔfoɔ nyinaa, monyi no ayɛ, n’asafo nyinaa, monyi no ayɛ.


Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.


Ogya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim bae, mpem mpem som no, na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma no mu.


AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,


Yeinom ho na Henok nso a ɔtɔ Adam so nson hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefoɔ mpempem reba


Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ nne, ne nsuo bebree nne, ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ: Haleluia, ɛfiri sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene.


Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Na ateasefoɔ baanan no kaa sɛ: Amen. Na mpanimfoɔ no hwehwee ase, na wɔkoto sɔree.


Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.


Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.


Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn


Na metee sɛ ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ soɔ no ano si ɔpedu ahodoɔ ɔpeduonu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan