Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na sɛ ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda ma deɛ ɔte ahennwa no soɔ, a ɔte ase daa daa no a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na sɛ ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda ma deɛ ɔte ahennwa no soɔ, a ɔte ase daa daa no a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Saa ateasefo baanan no to nnwom de hyɛ nea ɔte ahengua no so a ɔte hɔ daa daa no anuonyam, de ma no nidi, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na sɛ ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda ma nea ɔte ahengua no so a ɔte ase daa daa no a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 4:9
20 Iomraidhean Croise  

Onyankopɔn di amanaman so hene, Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.


sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.


AWURADE bɛdi hene de bɛkɔ akɔsi daa daa.


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


Na mema me nsa so mekɔ soro, na mese: Sɛ mete ase daa yi!


Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn.


Na ɛha, nnipa a wɔwuo na wɔgye ntotosoɔ du du, na ɛhɔ deɛ, deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔte aseɛ no.


ne deɛ ɔte aseɛ no. Na mewui, na hwɛ, mete ase daa daa, na mekura Owuo ne asamando nsafoa.


Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa, a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio,


Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.


Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.


Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Na mehunuu nwoma bi wɔ deɛ ɔte ahennwa no soɔ no nifa mu a wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔde nsɔano nson asosɔ ano.


Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhunta mfiri deɛ ɔte ahennwa no soɔ no ne adwammaa no abufuo ho,


Yei nti na wɔwɔ Nyankopɔn ahennwa anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no bɛkata wɔn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan