Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 4:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na anyinam ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa firi ahennwa no mu firii adi, na ogya nkanea nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson no redɛre ahennwa no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na anyinam ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa firi ahennwa no mu firii adi, na ogya nkanea nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson no redɛre ahennwa no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na anyinam ne aprannaa bobɔ mu fi ahengua no mu. Na akanea ason a wɔasosɔ redɛw wɔ ahengua no anim. Eyinom yɛ Onyankopɔn ahonhom ason.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na anyinam ne aprannaa bobom firi ahennwa no mu. Na nkanea nson a wɔasosɔ redɛre wɔ ahennwa no anim. Yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na anyinam ne ɛnne horow ne aprannaa fi ahengua no mu fii adi, na ogya akanea ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason no redɛw ahengua no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 4:5
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE a ɔde wo firii Ur a ɛwɔ Kaldea no, sɛ mede asase yi bɛma wo sɛ agyapadeɛ.


ne nkaneadua no ne ɛho nkanea a wɔsɔ no, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ mpiakyire no anim no, ɛyɛ sika amapa,


Nyankopɔn, wo ho yɛ hu, wo tenabea kronkron mu, Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne man. Nhyira ne Onyankopɔn.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe.


Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri.


Na yɛ ɛso nkanea nson, na wɔmfa ne nkanea no nsisi so, na ɛnnɛre wɔ anim nkyerɛ fa hɔ.


Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso nkanea nson no ne ɛho adaban ne ɛho nso nkukuwa.


Na abɔdeɛ ateasefoɔ no suban no, ne wɔn su te sɛ nnyansramma a ɛredɛreɛ, sɛ tɛnee; ɛno na ɛnenam abɔdeɛ ateasefoɔ no ntam, na ogya no hyerɛnn, na anyinam firii ogya no mu.


Na AWURADE firi Sion bobom na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowoso; nanso AWURADE yɛ dwanekɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma.


na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn nson nson wɔ hɔ ma atifi nkanea no.


Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie no bɛto mmabaawa du bi a wɔtasee wɔn nkanea firi adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no ho.


Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.


Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.


Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.


Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.


Na ɔbɔfoɔ no faa ohwam kuruwa no de afɔrebukyia no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔto guu asase so. Na aprannaa, ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ bae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan