Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 4:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na nea ɔte so no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 4:3
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.


na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ;


na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu yɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ;


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


Na ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no soɔ no te sɛ hoaboɔ ahennwa nsɛsoɔ, na ahennwa no nsɛsoɔ so na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ teɛ wɔ soro.


Sɛdeɛ nyankontɔn a ɛwɔ mununkum mu osutɔ da teɛ no, saa ara na hyerɛn a ɛtwa ho hyia no teɛ. Ɛno ne AWURADE animuonyam hwɛbea no tebea. Na mehunuiɛ no, mehwee ase de m’anim butuu fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.


Nyankopɔn turo Eden mu na woteɛ, aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ, sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ, hoaboɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ ne sika; wo mpintin ne bɔmmaa som w’anim, ɛda a wɔbɔɔ woɔ no na wɔsiesieeɛ.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan