Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 4:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Yɛn Awurade ne Nyankopɔn, wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Yɛn Awurade ne Onyankopɔn, wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 4:11
31 Iomraidhean Croise  

Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


AWURADE a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ no na mesu mefrɛ no, na ɔgye me m’atamfoɔ nsam.


Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.


Mɛfa me nimdeɛ afiri akyirikyiri, na mede me yɛfoɔ no bem ama no.


Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ, na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.


Momfa tumi mma Onyankopɔn, n’animuonyam kata Israel so, na ne tumi wɔ wiem tɔnn.


Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.


AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne.


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba; ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ.


Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase.


Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛseɛ ne wo basa a atene ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo nwanwa;


Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.


Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu,


Ɛfiri sɛ ade nyinaa firi ne mu, na ɛnam ne so ba, na ɛwie ne mu; ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.


na memma nnipa nyinaa nhunu ahuntasɛm a ɛfiri tete berɛ so huntaa wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nnoɔma nyinaa no mu no ho dwumadie no,


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.


Na: Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.


nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfoɔ mma n’Agya Nyankopɔn no, ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa, a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio,


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn adu. Na monkoto deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asutire no.


Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;


na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Adwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ne ahonya, ne nyansa, ne ahoɔden, ne anidie, ne animuonyam ne nhyira.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Hwan na ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔte ne nsɔano no?


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan