Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 mpanyimfo aduonu anan no butubutuw nea ɔte ahengua no so no anim som nea ɔte hɔ daa daa no. Wɔtow wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim ka se:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 mpanyimfo aduonu anan no hwehwe nea ɔte ahengua no so no anim ase, na wɔkotow nea ɔte ase daa daa no, na woyiyi wɔn abotiri no gu ahengua no anim to dwom sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 4:10
28 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene.


Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa”.


Ɛnna Hiob sɔre sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔyii ne ti, na ɔhwee fam sɔree Onyankopɔn,


Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na animuonyam nka, w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti.


Onyankopɔn di amanaman so hene, Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.


Na ahemfo nyinaa bɛkoto asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no.


Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.


Na nna no akyiri no, me, Nebukadnessar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene sane ba maa me, na mehyiraa Ɔsorosoroni no, na mekamfoo deɛ ɔte ase daa no meyii no ayɛ, sɛ ne tumi yɛ daa tumi na n’ahennie wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa soɔ;


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.


Na wɔkoto sɔree no, na wɔde anigyeɛ kɛseɛ sane baa Yerusalem.


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Na mema me nsa so mekɔ soro, na mese: Sɛ mete ase daa yi!


Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa, a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio,


Na mpanimfoɔ aduonu nnan a wɔtete wɔn nhennwa soɔ Nyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔkotoo Onyankopɔn


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.


Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ: Amen, Haleluia!


Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.


Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.


Na sɛ ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda ma deɛ ɔte ahennwa no soɔ, a ɔte ase daa daa no a,


Na ateasefoɔ baanan no kaa sɛ: Amen. Na mpanimfoɔ no hwehwee ase, na wɔkoto sɔree.


Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.


Na abɔfoɔ no nyinaa atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu fam, ahennwa no anim, na wɔkotoo Onyankopɔn


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan