Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti nyan, na kanyan nea aka wɔ wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ mahu sɛ nea woayɛ no nnya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti nyane, na kanyane deɛ aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Ɛfiri sɛ, mahunu sɛ deɛ woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nyan, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 3:2
31 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ, Salomo nkɔkoraa berɛ mu no, ne yerenom danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid akoma.


Na ɔnantee n’agya bɔne a ɔyɛ dii n’anim nyinaa mu, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn anim sɛ n’agya Dawid akoma.


Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ n’akoma pɛyɛ mu.


aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto.


Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mommia nkotodwe a agoɔ mu;


N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔyɛ nnamukasafoɔ, deda hɔ, pɛ nna.


Mɛka wo tenenee ne wo nneyɛɛ makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfasoɔ biara.


Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.


TEKEL, wɔakari wo nsania mu, na wɔahu wo sɛ wonnu;


Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu.


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano nnwo akɛseɛ.


Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Ɛnna mmabaawa no nyinaa sɔre kekaa wɔn nkanea.


Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.


Na hyɛ Yosua yie, na hyɛ no den na hyɛ no aboɔduro, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim akyɛ asase a wobɛhunu no mu ama wɔn.


Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwene mu nte na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


(Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)


Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ, woagya wo kane dɔ no.


Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.


Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan