Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 3:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum wɔ me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi ɔsoro, me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Deɛ ɔbɛdi nkonim no, mɛyɛ no odum me Onyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Onyankopɔn din ne me Onyankopɔn kuro din a ɛyɛ Yerusalem foforɔ a ɛbɛfiri ɔsoro me Onyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me din foforɔ agu ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Nea odi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi adi bio, na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din wɔ no so, ne me Nyankopɔn kurow a ɛyɛ Yerusalem foforo a efi soro ba fam fi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 3:12
26 Iomraidhean Croise  

Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no ntwonoo no ano, na odum a ɔde sii anafoɔ no, ɔtoo no din Yakin, na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas.


Asuo bi, ne mmɔmu ma Nyankopɔn kuro ani gye, ɔsorosoroni tenabea kronkron no.


Sɛ yɛteeɛ no, sɛ yɛhunuu no ne no, asafo AWURADE kuro mu, yɛn Nyankopɔn kurom, Onyankopɔn ma n’ase tim daa.


Wɔka wo ho animuonyamsɛm, Nyankopɔn kuro.


Na amanaman bɛhunu wo bembuo, na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam, na wɔato wo din foforɔ a AWURADE ano bɛkyerɛ no.


Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ,


Na me deɛ, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kuro a ɛyɛ den ne dadeɛ dum ne kɔbere mfrafraeɛ afasuo atia asase nyinaa: Yuda ahemfo, wɔn asafohene, wɔn asɔfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ.


Ntwonoo no ntwemu yɛ basafa du, na ne trɛ yɛ basafa nnum ne fa, ntwedeɛ a wɔforo kɔ mu no so; na adum sisi ntwonoo adum no anim, baako wɔ ha na baako wɔ ha.


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Na wɔde bae. Na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwan mfonini ne atwerɛ nie? Na wɔsee no sɛ: Kaesare dea.


Na wɔhunuu adom a wɔde ama me no, Yakobo ne Kefa ne Yohane a wɔbu wɔn sɛ adum no tenee ayɔnkoyɛ nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufoɔ mu, na wɔn deɛ, wɔnka no twetiatwafoɔ mu,


a wɔfiri ne mu frɛ abusua biara a ɛwɔ soro ne asase soɔ no,


Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,


Na yɛnni kuro a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom deɛ ɛbɛba no akyiri kwan na yɛhwehwɛ.


Mma nkumaa, mofiri Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo mu no so kyɛne deɛ ɔwɔ wiase mu.


Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.


Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, owuprenu renka no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


na wɔbɛhunu n’anim, na ne din bɛba wɔn moma so.


Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan