Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 22:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wɔ mu, na ɛyɛ nokorɛ, na Awurade, adiyifoɔ ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wɔ mu, na ɛyɛ nokorɛ, na Awurade, adiyifoɔ ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa adeɛ a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Saa nsɛm yi yɛ nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo no somaa ne bɔfo se ɔmmɛkyerɛ nʼasomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wode wo ho to so a, ɛyɛ. Na Awurade Onyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifoɔ somaa ne ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛbɛba nnansa yi ara no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware, na Awurade, adiyifo ahonhom Nyankopɔn no, asoma ne bɔfo sɛ ɔmmɛkyerɛ ne nkoa ade a etwa sɛ ɛba ntɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 22:6
26 Iomraidhean Croise  

Na daeɛ no a ɛyɛɛ mmɔho mmienu maa Farao no ase ne sɛ, Onyankopɔn ahyɛ saa adeɛ no ampa, na Onyankopɔn rebɛyɛ no ntɛmntɛm.


Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.


Me Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ ama no abɛmuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, ɛsiane sɛ wahu me sɛ medi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne biara.


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,


sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,


Mmara ne adiyifoɔ no bɛpem Yohane so; na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa, na obiara nam anibereɛ so kɔ mu.


Na Petro ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Afei na mahunu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfoɔ abɛyi me afiri Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ man retwɛn nyinaa mu.


Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa.


a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee atwerɛ nsɛm kronkron no mu,


Na adiyifoɔ ahonhom no hyɛ adiyifoɔ no ase;


Na deɛ mereka ni, anuanom, sɛ wɔatwa ɛberɛ no so tia nti, ma wɔn a wɔwɔ yerenom nyɛ sɛdeɛ wɔnni bie,


na wama mo a wɔhiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wɔbɛyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfoɔ adie afiri soro, ogyaframa mu,


Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefoɔ na yɛfɛre wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase, nkyɛne saa pii mmom, na yɛatena ase?


ɛfiri sɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so mmaa pɛn, na mmom Nyankopɔn nnipa kronkron so, sɛdeɛ Honhom Kronkron de wɔn rekorɔ no, na wɔkasaeɛ.


sɛ monkae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafoɔ ahyɛdeɛ a ɛyɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa deɛ no.


Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.


Na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no se: Hwɛ, meyɛ nnoɔma nyinaa foforɔ. Na ɔse: Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wɔ mu na ɛyɛ nokorɛ.


Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no a ɔhaw mmusuo nson a ɛdi akyire no ahyehyɛ mu mama no mu baako baa me nkyɛn, ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ, Adwammaa no yere no.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Me, Yesu, na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi mo nnoɔma yi ho adanseɛ asafo no mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, adekyeeɛ nsoromma a ɛhran no.


Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne deɛ ɔkura nwoma yi mu adiyisɛm mu.


Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan