Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 22:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na anadwo nni hɔ, na kanea anaa owia hann nhia wɔn, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wɔbɛdi ahene daa daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na anadwo nni hɔ, na kanea anaa owia hann nhia wɔn, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wɔbɛdi ahene daa daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ade rensa wɔ hɔ bio, na akanea anaa hann ho nhia, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade sɛ ahene daa daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Adeɛ rensa wɔ hɔ bio, na nkanea anaa hann ho nhia ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wɔbɛdi adeɛ sɛ ahene daa daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na anadwo nni hɔ, na ɔkanea anaa owia hann nhia wɔn, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wobedi ahene daa daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 22:5
22 Iomraidhean Croise  

Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ, wo hann mu na yɛhunu hann.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Na ɔsrane hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson, sɛ nnanson hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubuo na wasa ne hweɛ ano kuro no.


Na ɔsorosoroni no ahotefoɔ bɛfa ahennie no, na wɔanya ahennie no daa daa mmerɛ santen.


Na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahennie ne tumi ne kɛseyɛ bɛma Ɔsorosoroni akronkronfoɔ man; n’ahennie yɛ daa ahennie, na tumi nyinaa bɛsom no na atie no.


Na ɛbɛyɛ da koro a adesaeɛ nni mu (AWURADE na ɔnim), awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummerɛ mpo na hann wɔ hɔ.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Na sɛ ɛnam ɔbaakofoɔ no so na owuo de ɔbaakofoɔ no mfomsoɔ dii hene a, wɔn a wɔanya adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɛboro soɔ no mmom nam ɔbaakofoɔ no, Yesu Kristo so bɛdi ahene wɔ nkwa mu.


Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


na kanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne wo mu bio, ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ, na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.


Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.


Nhyira ne kronkron ne deɛ ɔnya kyɛfa ɔsɔreɛ a ɛdi kan no mu. Saa nkurɔfoɔ no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi ahene mfirinhyia apem.


Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan