Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 22:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Hwɛ, mereba ntɛm, na mekura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Hwɛ, mereba ntɛm, na mekura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Hwɛ! Mereba ntɛm! Mikura mʼakatua sɛ mede rebɛma obiara sɛnea nʼadwumayɛ te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Hwɛ! Mereba ntɛm! Mekura mʼabasobɔdeɛ sɛ mede rebɛma obiara sɛdeɛ nʼadwumayɛ teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Hwɛ, mereba ntɛm, na mikura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛnea n’adwuma te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 22:12
19 Iomraidhean Croise  

na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no, na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no.


Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ, susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn, tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bɛdi nim ama no. Hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


Hwɛ, AWURADE ama wɔate akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ: Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba; hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


AWURADE da kɛseɛ no abɛn, abɛn na ɛrepɛ ntɛm sɛ; AWURADE da no nne yɛ nwono sɛ! ɔdɔmmarima team denden wɔ hɔ.


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn.


sɛ obi adwuma a wato asi soɔ gyina a, ɔbɛnya akatua.


Na deɛ ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo yɛ baako, na wɔn mu biara bɛnya n’akatua sɛdeɛ ɔno ara n’adwuma teɛ.


Na amanaman no bo afu, na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no aduru sɛ wobɛbu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.


Deɛ ɔdi nnoɔma yi ho adanseɛ no se: Aane, mereba ntɛm. Amen. Awurade Yesu, bra!


Na hwɛ, mereba ntɛm. Nhyira ne deɛ ɔkura nwoma yi mu adiyisɛm mu.


Mereba ntɛm; sɔ deɛ wowɔ no mu, na obi annye w’abotire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan