Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 21:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na metee nne kɛseɛ bi firi ahennwa no mu a ɛse: Hwɛ, Nyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, “Afei, Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtena mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne nkurɔfo, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 21:3
29 Iomraidhean Croise  

Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!


Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!


Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu.


Na mɛtena Israelfoɔ no mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn,


Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.


Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Na me tenabea bɛsi wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!


na mede wɔn aba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu.


Saa na na ɛyɛ daa, mununkum no kata so awia na ogya no pue anadwo.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ: Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmammaa, Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.


Na ɔno ara ankasa, yɛn Nyankopɔn ne Agya no, ne yɛn Awurade Yesu nnane yɛn kwan mmra mo nkyɛn.


Na afei wɔrehwehwɛ kuro a ɛyɛ kyɛne soɔ a ɛne ɔsoro deɛ. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.


Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ.


Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ!


Na ɛnne a mete firii soro no ne me kasaa bio sɛ: Kɔ kɔgye nwoma ketewa a wɔabue mu no ɔbɔfoɔ a ɔgyina asase ne po soɔ no nsam.


Na metee nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Afei nkwagyeɛ ne tumi ne ahennie ayɛ yɛn Nyankopɔn dea, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, ɛfiri sɛ wɔato yɛn nuanom anototofoɔ no atwene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.


Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba.


Na mmusuo biara nni hɔ bio; na Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no na ɛbɛsi mu, na ne nkoa bɛsom no,


Yei nti na wɔwɔ Nyankopɔn ahennwa anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no bɛkata wɔn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan