Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 21:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɛwɔ ɔfasuo kɛseɛ tentene, a ɛwɔ aponkɛseɛ dummienu, na abɔfoɔ dummienu tete apono no ano. Apono no so na wɔatwerɛ din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuo dummienu no din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɛwɔ ɔfasuo kɛseɛ tentene, a ɛwɔ aponkɛseɛ dummienu, na abɔfoɔ dummienu tete apono no ano. Apono no so na wɔatwerɛ din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuo dummienu no din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na ne fasu no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɛwɔ ɔfasu kɛse tenten, na ɛwɔ aponkɛse dumien, na abɔfo dumien tete apon no ano. Apon no so na wɔakyerɛw din a ɛyɛ Israel mma mmusuakuw dumien no din.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 21:12
21 Iomraidhean Croise  

na agyata dummienu gyinagyina hɔ wɔ ntrapoe nsia no so ɛha ne ha. Wɔnyɛɛ saa bi da ahennie biara mu.


Na yɛyɛ nkoa, nanso yɛn nkoayɛ mu no yɛn Nyankopɔn nnyaa yɛn, na mmom wama Persia ahemfo ayɛ yɛn adɔeɛ. Na yɛanya ahoɔden a yɛde si yɛn Nyankopɔn fie, na yɛnkyekyere n’akurofo, na wɔmma yɛn ɔfasuo bi wɔ Yuda ne Yerusalem.


Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.


Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu, na yiedie ntena w’aban mu.


Ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yie; to Yerusalem afasuo!


Na aboɔ no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano teɛ, dummienu, sɛ wɔn din no teɛ; ɛnyɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛ mmusuakuo dummienu no teɛ.


na mede bogya aboɔ mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma aboɔ mayɛ w’aponkɛseɛ, ne w’afasuo nyinaa aboɔ afɛfɛ.


Wɔrente nhyɛsoɔ nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛeɛ ne bubuo nka w’ahyeɛ mu; na wobɛfrɛ w’afasuo Nkwagyeɛ, ne wo kuro apono nso Ayeyie.


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.


Na ɛbaa sɛ ohiani no wui, na abɔfoɔ bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefoɔ no nso wui, na wɔsiee no.


Ɛno ara na yɛn mmusuakuo dummienu no de awia ne anadwo som, a emu yɛ den, ma wɔn ani da so sɛ wɔbɛnya. Ɔhene, saa anidasoɔ yi nti na Yudafoɔ toto m’ano yi.


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ, apono mmiɛnsa wɔ atifi, apono mmiɛnsa wɔ anafoɔ, na apono mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.


Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.


Na wɔrentoto n’apono mu awia, na anadwo nni hɔ bio.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan