Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 21:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdemmo a ɛsɛ ahwehwɛbo a ani tew sɛ ahwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te sɛ ahwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ekura Onyankopɔn anuonyam. Nea ɛmaa no hyerɛn no te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛbo a emu tew sɛ ahwehwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 21:11
17 Iomraidhean Croise  

Wɔmfa sika ne ahwehwɛ nto ho, na wɔmfa sika nnwinneɛ nsesa.


Na AWURADE bɛyɛ mununkum ne wisie awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔ so tenabea nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia hɔ so, na akatamansoɔ akata animuonyam no nyinaa so;


Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.


Na ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no soɔ no te sɛ hoaboɔ ahennwa nsɛsoɔ, na ahennwa no nsɛsoɔ so na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ teɛ wɔ soro.


W’adwadie dodoɔ nti na wɔde amimdie hyɛɛ wo mu ma, na woyɛɛ bɔne, na metoo wo firi Nyankopɔn bepɔ so sɛ afideɛ, na kerub a ɔbɔ wo ho ban no, pamm wo firi ogya aboɔ no ntam.


Na hwɛ, Israel Nyankopɔn animuonyam refiri apueeɛ kwan so reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na n’animuonyam maa asase harann.


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Na wisie a ɛfiri Nyankopɔn animuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ wɔwiee abɔfoɔ baason no ɔhaw mmusuo nson no ansa.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Na anadwo nni hɔ, na kanea anaa owia hann nhia wɔn, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wɔbɛdi ahene daa daa.


Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan