Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 21:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem no sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔ kɛseɛ tentene bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron Yerusalem no sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resian aba fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resiane aba fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ bepɔw kɛse tenten bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron Yerusalem no sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 21:10
17 Iomraidhean Croise  

Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w’akoa deɛ, mefiri me mmɔfraase mesuro AWURADE.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima aduonum a wɔn ho yɛ den wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sɛsɛɛ AWURADE honhom ama ne so kɔ de no akɔto mmepɔ no bi so, anaa mmonhwa no bi mu. Na ɔse: Monnsoma!


Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu.


Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfoɔ no nkyɛn, anisoadehunu mu, Nyankopɔn honhom mu. Na adeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.


Na honhom no maa me so faa me kɔe, na mekɔɔ no nwononwono mu, me honhom anibereɛ no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.


Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.


Na wɔfiri nsuo no mu reba no, Awurade honhom hwimm Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigyeɛ kɔɔ ne kwan.


Na ɔsoro Yerusalem no deɛ, ɛde ne ho, ɛne yɛn na.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto


Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.


Na ɔde me faa honhom mu kɔɔ ɛserɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma, na ɔwɔ tiri nson ne mmɛn du so.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.


Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan