Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 20:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea ano de wɔn akɔ ɔko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ ewiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ ɔko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 na obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 20:8
17 Iomraidhean Croise  

Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye.


Na ɔse: Mɛfiri akɔyɛ honhom torofoɔ n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no, na wobɛtumi nso, firi kɔ na kɔyɛ saa.


Na sɛ wo man Israel dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, nkaeɛ bi nko na ɛbɛsane aba. Wɔahyɛ ɔsɛeɛ a ɛde tenenee a ɛboro soɔ bɛba.


Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Onipa ba, fa w’ani si Gog so, Magog asase so, Mesek ne Tubal berempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no,


Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!


Na mɛsoma ogya akɔ Magog ne wɔn a wɔtete nsuano aman mu dwoodwoo no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Wo onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israel asase nie: Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba asase no ntwea nnan soɔ.


Enti nso na ɔbaako a ɔwuiɛ mpo woo nnipa a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a wɔntumi nkan.


Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔfiri kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛseɛ no mu ko no.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa; nanso ɛno akyiri no, ɛtwa sɛ wɔgyaa no kakra.


Yei akyiri no mehunuu abɔfoɔ baanan a wɔgyinagyina asase ntweasoɔ nnan no ano kurakura asase mframa nnan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.


Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.


Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan