Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no bi. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafotow no: Nea odi nkunim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:7
36 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na ɛyɛ sɛ wɔdie asase no so, ne nkwa dua a ɛsi turo no mfimfini, ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua fifirii asase no so.


Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra.


Anidasoɔ a ɛkyɛre muba ma akoma yare, na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua.


Tɛkyerɛmabereɛ yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubuiɛ.


Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu, na nhyira ne deɛ ɔkura mu.


Nyankopɔn turo Eden mu na woteɛ, aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ, sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ, hoaboɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ ne sika; wo mpintin ne bɔmmaa som w’anim, ɛda a wɔbɔɔ woɔ no na wɔsiesieeɛ.


ntweneduro a ɛwɔ Nyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nte sɛ ne mman frɔmfrɔm no, na kyɛnkyɛn nte sɛ ne mman akɛseɛ; dua biara nni Nyankopɔn turo mu a na ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu;


Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Ɛnna ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahennie mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Na ɔkaa sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!


Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ ne mu a ɛbɛtumi agu ne ho fi.


(Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ɔntie!)


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ.


Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii, na ɛsoo aba ahodoɔ ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteaa mu sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu.


na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka.


Agyanom, meretwerɛ mabrɛ mo ɛfiri sɛ monim deɛ ɔwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no. Mmeranteɛ, meretwerɛ mabrɛ mo sɛ, moadi ɔbɔnefoɔ no so nkonim. Mmɔfra nkumaa, matwerɛ mabrɛ mo sɛ, monim Agya no.


Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie.


Na metee ɛnne bi firii soro a ɛkaa sɛ: Twerɛ sɛ: Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekorɔ yi. Honhom no se: Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.


Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a egya fra mu. Na wɔn a wɔdii aboa no, ne ne honi, ne ne din akontahyɛdeɛ ho nkonim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Nyankopɔn nsankuo.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, owuprenu renka no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Deɛ ɔdi nkonim no bɛnya yeinom adi, na mɛyɛ no ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ɔba.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


ne kuro no abɔntene mfimfini. Asubɔntene no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛso aba ahodoɔ dummienu sisie, na ɛsoso n’aba bosome biara. Na dua no ahahan na wɔde sa amanaman no yadeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan