Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Hu ba a woaba fam no. Sakra wʼadwene na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woansakra wʼadwene a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Enti kae nea wufi hwee ase, na sakra w’adwene, na yɛ kan nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua mafi ne sibea, gye sɛ wosakra w’adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:5
34 Iomraidhean Croise  

Na mɛdane w’atemmufoɔ mama wo sɛ kane no, ne w’afotufoɔ sɛ mfitiaseɛ no. Ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo tenenee kuro, nokorɛ kuro no.


Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ? Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba! Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no.


na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛɛ a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwunu, mo ani so, mo bɔne a moyɛeɛ no nyinaa nti.


Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛnyɛ no, na mo amumuyɛ ne mo akyiwadeɛ no nti, mo ho ayɛ mo nwunu, mo anim.


Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase.


Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.


ɛno ansa na Yuda ne Yerusalem ayɛyɛdeɛ bɛsɔ AWURADE ani sɛ tete nna ne kane mfeɛ no.


Na ɔbɛdanedane agyanom akoma aba mma so, ne mma akoma aba agyanom so, na mamma ammɛfa mmusuo ammɔ asase no.


Mone wiase hann. Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta.


Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa.


Ɛdeɛn na bobe turo no wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ no, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ yi, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ. Na wɔteeɛ no, wɔkaa sɛ: Onyame mpa ngu!


Mo a mopɛ sɛ wɔbu mo bem mmara no mu no, wɔatete mo afiri Kristo ho, moafiri adom mu ahwe ase.


na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakonton na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,


Na monkae sɛ kane nna a monyaa hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amane.


Enti, adɔfo, ɛnam sɛ monim dada nti, monhwɛ mo ho so yie, na wɔamfa amumuyɛfoɔ nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfiri mo ara mo tim a moatim no mu anhwe ase.


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Na wɔde ahuhuro kɛseɛ hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw mmusuo yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakyera wɔn adwene anhyɛ no animuonyam.


Enti sakyera w’adwene! Anyɛ saa a, mɛba wo so ntɛm, na mede m’anomu afena ne wɔn ako.


Menim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidie ne wo som ne wo boasetɔ no ne sɛ wo nnwuma a ɛdi akyire sene deɛ ɛdi kan no.


Menim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wontumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ, na woasɔ wɔn a wɔse wɔyɛ asomafoɔ na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofoɔ.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan