Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Adiyisɛm 2:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na wowɔ boasetɔ, na me din nti, woahunu amane, nanso woampa aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wowɔ boasetɔ, na me din nti, woahunu amane, nanso woampa aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wowɔ boasetɔ, na me nti woahu amane bebree, nanso wompaa abaw ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wowɔ boasetɔ, na me enti, woahunu amane bebree, nanso wompaa aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wowɔ boasetɔ, na me din nti woahu amane nanso woampa abaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Adiyisɛm 2:3
49 Iomraidhean Croise  

Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti, onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.


Na wo nti na magye ahohora, na aniwuo ahyɛ m’ani so ma.


Mɛsoa AWURADE abufuhyeɛ no, ɛfiri sɛ mayɛ no bɔne, de akɔsi sɛ ɔbɛham me ham ama me, na wabu atɛn ama me; ɔbɛyi me afiri aba hann mu; mɛhwɛ ne tenenee no.


Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.


Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔntumi nyɛ me suani.


Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:


Mo boasetɔ mu na mobɛnya mo kra.


Na Simon buaa sɛ: Owura, yɛayɛ adwuma anadwo yi nyinaa, na yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti mɛgu asau no.


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Na yeinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.


Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara!


Monkyea Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Monkyea ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.


Na sɛ yɛn ani da deɛ yɛnhunu so a, yɛde boasetɔ twɛn.


Ɛtie ade nyinaa, ɛgye ade nyinaa di, ɛnya ade nyinaa mu anidasoɔ, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.


sɛ mo nso mommrɛ mo ho ase mma wɔn a wɔte saa no ne obiara a ɔyɛ adwuma no bi na ɔbrɛ mu no.


Na yɛnhoahoa yɛn ho mma no ntra so wɔ ebinom adwuma mu, na yɛn ani da so sɛ, mo gyidie nyini a, yɛbɛyɛ mo mu kɛse aboro so, sɛdeɛ susuhoma no teɛ


Wɔyɛ Kristo asomfo? Meka no sɛ ɛdammɔ, mekyɛne saa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro soɔ mu, afiaseda a ɛboro soɔ mu, ɛhweɛ a ɛtra soɔ mu, owuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba,


Yei nti na yɛmpa aba, na sɛ yɛn honam ani nipa yi resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dane foforɔ daa daa.


Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yɛfiri hɔ oo, yɛbɛsɔ n’ani.


ɛhweɛ mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, ɛpɛsire mu, mmuada mu;


Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


sɛ mokura nkwa asɛm no mu yie, sɛdeɛ Kristo da no, mahoahoa me ho sɛ ammirika a metuiɛ no anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klemens nso ne me yɔnko adwumayɛfoɔ a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nwoma mu no.


Na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛdeɛ n’animuonyam tumidie teɛ no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu wɔ anigyeɛ mu,


na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.


Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ monhunu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wɔdi mo so mpanin Awurade mu, na wɔkasa kyerɛ mo,


Na mo deɛ, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.


Na Awurade mma monhunu Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.


nanso yɛanni obiara aduane kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara;


Yei nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire no agyidifoɔ, Agyenkwa no so.


Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, wɔmfa anidie mmɔho nni wɔn, ne titire no, wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma.


Na boasetɔ hia mo, na sɛ mowie deɛ Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.


Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Ɛno nti momma yɛmfiri adi nkɔ ne nkyɛn nsraban no akyiri nkɔsoa n’ahohora.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.


na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidie ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafoɔ.


Na ɔtoo ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.


na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.


Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan